Acts 4

Petro ne Yohane gyina asɛnnii

1Bere a Petro ne Yohane gu so rekasa akyerɛ nkurɔfo no, asɔfo ne ɔpanyin a ɔhwɛ awɛmfo a wɔhwɛ asɔredan no so no ne Sadukifo baa wɔn nkyɛn. 2Wɔn bo fuw yiye, efisɛ, na saa asomafo yi rekyerɛkyerɛ nnipa no sɛ Yesu asɔre afi owu mu a ɛkyerɛ sɛ awufo tumi nyan ba nkwa mu. 3Wɔkyeree asomafo no, nanso esiane sɛ na ade asa nti, wɔde wɔn guu afiase kosii adekyee. 4Nanso nnipa a wɔtee asɛm no mu dodow no ara bɛyɛ sɛ mpemnum gyee asɛm no dii.

5Ade kyee no, Yudafo mpanyin, mpanyimfo ne mmara no akyerɛkyerɛfo hyiae wɔ Yerusalem. 6Wɔhyiaa ɔsɔfo panyin Hana ne Kaiafa ne Yohane ne Aleksandro ne afoforo a wofi ɔsɔfo panyin no abusua mu. 7Wɔma wɔde asomafo baanu yii baa wɔn anim bisaa wɔn se, “Tumi bɛn anaa hena din na mode yɛɛ eyi?”

8Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no buae se, “Ɔman mpanyimfo ne atitiriw, 9sɛ nnɛ mugyina ha bisa yɛn ade pa a yɛyɛ maa obubuafo no maa ne hɔ tɔɔ no no a, 10ɛnne ɛsɛ sɛ mo ne Israelfo nyinaa hu sɛ, saa onipa a ogyina ha yi, ɛnam Yesu Kristo a ofi Nasaret a mobɔɔ no asɛnnua mu na Onyankopɔn nyanee no fii awufo mu no tumi mu na ne ho ayɛ no den. 11Yesu ne onipa a Kyerɛwsɛm ka fa ne ho se, ‘Ɔbo a mo adansifo poe no abɛyɛ tweatibo’. 12Ɔno nkutoo mu na nkwagye wɔ; efisɛ, edin biara nni wiase ha a nnipa nam so benya nkwagye.”

13Ɛyɛɛ agyinatufo no ahodwiriw sɛ Petro ne Yohane a wonsuaa nhoma da na wɔyɛ nnipa teta no tumi kasa akokoduru so saa. Wohui sɛ saa asomafo yi ne Yesu nantewee. 14Nnipa no antumi anka asɛm biara bio, efisɛ, wɔhui sɛ ɔbarima a na ne ho atɔ no no ne Petro ne Yohane gyina hɔ. 15Wɔma wofii asɛnnii hɔ ma wɔdwennwenee asɛm no ho.

16Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Dɛn na yɛnyɛ saa nnipa yi? Obiara a ɔwɔ Yerusalem ha ate sɛ saa nnipa yi ayɛ anwonwade a yɛrentumi ntwa ho nkontompo. 17Sɛnea ɛbɛyɛ a saa nnipa yi remma saa asɛm yi ntrɛw nkɔ afoforo nkyɛn no, momma yɛmfrɛ wɔn, mmɔ wɔn kɔkɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmɔ Yesu din nkyerɛ obiara bio.”

18Wɔfrɛɛ asomafo baanu yi bae, hyɛɛ wɔn sɛ wonni ho kwan biara sɛ wɔbɔ Yesu Kristo din anaa wɔkyerɛkyerɛ wɔ ne din mu.

19Petro ne Yohane buaa wɔn se, “Sɛ yebetie Onyankopɔn anaa yebetie mo no, emu nea ɛwɔ he na eye? Mo ara mummua mfa. 20Nea yɛahu ne nea yeate de, yɛren tumi nnyaa ho asɛnka.”

21Agyinatufo no bɔɔ wɔn kɔkɔ bio gyaa wɔn, efisɛ, wɔannya biribiara annyina so antwe wɔn aso; afei nso na nnipa no nyinaa rekamfo Onyankopɔn wɔ asɛm a asi no ho. 22Na ɔbarima a wɔnam anwonwa kwan so saa no yare no adi boro mfe aduanan.

Gyidifo no mpaebɔ

23Wogyaa Petro ne Yohane pɛ, wɔkɔɔ gyidifo a aka no nkyɛn kɔkaa nea asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn.

24Bere a wɔtee saa asɛm no, wɔn nyinaa bɔɔ mu bɔɔ mpae se, “Owura, Ɔbɔadeɛ a wobɔɔ ɔsoro, asase ne po ne biribiara a ɛwɔ mu, 25wonam Honhom Kronkron so nam yɛn nena Dawid a ɔyɛ wʼakoa no so ma ɔkae se, ‘Adɛn nti na Amanamanmufo bo fuw, adɛn nti na nnipa bɔ apoo hunu? 26Asase so ahemfo sɔre gyina na atumfo bom tu agyina tia Awurade ne Agyenkwa no.’

27“Ampa ara Herode ne Pontio Pilato ne Amanamanmufo ne Israel fo hyiae wɔ kurow kɛse yi mu sɔre tiaa Yesu a ɔyɛ Ɔsomfo Kronkron a wɔatew ne ho no. 28Wohyia yɛɛ biribiara a wonam wo tumi ne wo pɛ so ahyɛ ato hɔ sɛ ɛbɛba mu no. 29Afei, Awurade, hwɛ ahunahuna a wɔrehunahuna yɛn yi na ma yɛn a yɛyɛ wʼasomfo yi mfa akokoduru nka wʼasɛm yi. 30Ma wo nsa so fa sa nyarewa, na fa wo somfo Kronkron Yesu Kristo din so yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade.”

31Wɔbɔɔ mpae wiei no, faako a wohyiae hɔ wosowee. Honhom Kronkron bɛhyɛɛ wɔn nyinaa mama na wofii ase de akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm.

Gyidifo no asetena

32Gyidifo no nyinaa tenaa ase sɛ nnipa koro. Wɔn mu bi anka se nʼankasa ahode bi yɛ ne nkutoo de; biribiara a wɔwɔ no, wɔn nyinaa kyekyɛɛ mu pɛ fae. 33Asomafo no nam tumi a emu yɛ den so dii Awurade Yesu wusɔre no ho adanse na Onyankopɔn hyiraa wɔn nyinaa.

34Biribiara ho anhia obiara a ɔfra kuw no mu, efisɛ, wɔn a na wɔwɔ nsase ne afi no tontɔnee de sika a wonya fii mu no 35brɛɛ asomafo no ma wɔkyekyɛe sɛnea ɛho hia obiara.

36Yosef a na ɔyɛ Lewini a ofi Kipro, a na asomafo no frɛ no Barnaba, a asekyerɛ ne “Nkuranhyɛ Ba” no, 37tɔn nʼasase de sika a onyae no brɛɛ asomafo no.

Copyright information for TwiNAK